Psalms 150


1Monkamfo Awurade.

Monkamfo Awurade wɔ ne kronkronbea;
monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu.

2 Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛe ho;
monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara so no ho.

3 Momfa torobɛnto nnyigyei nkamfo no,
momfa asanku ne bɛnta nkamfo no,

4 momfa akasaa ne asaw nkamfo no,
momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no,

5 momfa kyɛnkyɛn mmobɔmu so nkamfo no,
momfa kyɛnkyɛn nnyigyei nkamfo no.


6 Momma nea ɛhome nyinaa nkamfo Awurade.

Monkamfo Awurade.
Copyright information for TwiAKNA